Anigye no fii ase wɔ saa kwan yi so. December 24, 19... Anadwo bere a nnɔnwɔtwe abɔ apa ho simma dunnum no, abeawa bi kopuee Hohoe District Hospital faako a wogye awo no. Na wakɔ klinik dedaw ma wɔaka akyerɛ no sɛ ɔbɛwo ntafo. Esiane sɛ eyi ne n'awo a edi kan nti, na osuro paa. Na wɔfrɛ no Pepina, na na ɔpam ade. Ntafo mmarimaa ne ntafo mmaa ba banu bomu kɔ sukuu akyiri yi bere a wonyinyɛ no wɔ waree. Dɛn na ntafo bannan yi yɛe wɔ bere a na wɔkɔ sukuu eno? Na dɛn nti na wɔn awareɛ anyɛyie? Kenkan nhoma a emu nsɛm yɛ anigye yi na wobehu ntafo yi ho nsɛm pii.
Creation date: 2017-04-21
63 Pages